(Otumfoͻ) Bͻnefakyε Hene no, (Otumfoͻ a) Ɔtie Adwensakra, (Otumfoͻ a) N’asotwee ano yε den, (Otumfoͻ a) Ɔwͻ Adom ma no borosoͻ. Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Nehͻ na (biribiara) bεsan akͻ.
Obiara nnye Onyankopͻn Nsεm no ho akyinnye gyesε wͻn a wͻyi boniayε no, enti (Nkͻmhyεni) εmma wͻn akͻneaba (anaa tumi) a wͻdi no wͻ asaase soͻ no nnaadaa wo.
(Abᴐfoᴐ) a wͻso Tumi Ahennwa no, ne wͻn a wͻwͻ ho no de wͻn Wura Nyankopͻn abodin ne Nenkamfoͻ yi no ayε, na wͻgye no di; na wͻsrε bͻnefakyε ma wͻn a wͻagye adie no, sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn a W’ahummͻborͻ ne Wo nimdeε duru biribiara soͻ, fa wͻn a wͻsakra wͻn adwen na wͻnam Wo kwan no soͻ no bͻne kyε wͻn, na bͻ wͻn ho ban firi gya frama asotwee no mu.
Yɛn Wura Nyankopͻn, ma wͻn ne wͻn agyanom mu wͻn a wͻyεε papa no, ne wͻn yerenom, ne wͻn asefoͻ nwura daadaa Aheman a Wahyε wͻn ho bͻ no mu. Nokorε sε Wo ne Otumfoͻ no a Wotumi ade nyinaa yԑ, Onyansafoͻ no.
Na bͻ wͻn ho ban firi bͻne (biara) ho, na obia Wobεbͻ neho ban afiri bͻne ho wͻ saa Da no deε, nokorε sε na Wahu no mmͻbͻ. Na εno nso ne nkonimdie kεseε no.
Nokorε sε (soro abͻfoͻ) bεfrε wͻn a wͻyii boniayε no (aka akyerε wͻn sε): “Ɛberε a na yεrefrε mo akͻ gyidie mu na moampε no, na Onyankopͻn abufuo kyεn moabufuo a mobo afu moho no.
(Mo asotwee no ase) ne sε: Sε yεbͻ Nyankopͻn nko ara din a monnye nni, nasε yεde biribi bata Neho a, εno deε mogye di. Enti atemmuo no deε εwͻ Nyankopͻn Kokroko, Ͻkεseε no (nko ara).
Ɔno na Ɔda Nensεnkyerεnee no adi dekyerε mo, εna Osane akͻnhoma firi soro ma mo. Obi a ͻdwen (saa nsεnkyerεnee yi ho na) ͻdetu neho foͻ ne obi a ͻdane ne ho kͻ (Nyankopͻn hͻ).
Ɔkorͻn wͻ gyina berε, abodin ne suban biara mu, (Otumfoͻ) a Tumi Ahennwa no yε Nedea. Ɔma Honhom no (anaasε Adiyisεm no) ba N’akoa a Ɔpε so wͻ Netumi mu, sεdeε ͻbεbͻ (amanfoͻ) kͻkͻ fa Nhyiamu Da no ho.
Ɛda no a wͻbɛpuepue (afiri adaka-mena mu) no, deε εfa wͻn ho no mu biara nni hͻ a ɛsuma Nyankopͻn. Saa Da no tumi ne ahennie no yε hwan dea? Ɛwͻ Nyankopͻn Baako no, Opumpuni a Ɔkorͻn wͻ biribiara soͻ no.
Saa Da no yεbɛtua deε ͻkra biara nyaeε so ka (pεpεɛpε). Asisie biara nnihͻ wͻ saa Da no mu. Nokorε sε, Nyankopͻn deε Neho yε hare paa wͻ akontabuo no mu.
Bͻ wͻn kͻkͻ fa Ɛda a εrebεn no ho; εberε a akoma a awerԑhoᴐ ahyԑ no ma bεba abɛduru onipa mene mu ama ahini wͻn. Abͻneεfoͻ no nnya yͻnkoͻ anaa otwitwagyefoͻ a ͻbɛtie (wͻn asεm no bi ama wͻn).
Nyankopͻn na Ɔde nokorε bu atεn, aberε a wͻn (anyame) a wͻfiri N’akyi sufrε wͻn no ntumi mmu atεn biara. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ɔno na Ɔhu biribiara.
Anaasε wͻntu kwan wͻ asaase no so nhwε sεdeε wͻn a wͻdii wͻn anim kan no awieeε si wiener ε? Na wͻn ho yε den kyεn (Quraishfoͻ) yi (wͻ tumi ne ahoͻden ne nkwa tenten mu), wͻyεε nsεnkyerεnee (sisii aban tenten) wͻ asaase no so. Nanso Nyankopͻn de wͻn bͻne sͻͻ wͻn mu. Wͻannya obiara amma wammͻ wͻn ho ban wͻ Nyankopͻn nsam.
(Wͻn asotwee no ase ne sε): Wͻn Asomafoͻ no de nkyerεkyerεmu ne nyinasoͻ pefee no brεε wͻn, nanso wᴐpoe. Enti Nyankopͻn sͻͻ wͻn mu. Nokorε sε, Ɔne Ɔhoͻdenfoͻ, N’awerԑtᴐ nso ano yε den papaapa.
Ɛberε a ͻde Nokorε no a ɛfiri Yεn nkyεn brεε wͻn no wͻkaa sε: “Monkunkum wͻn a wͻagye adie aka neho no mma mmarima, na moma wͻn mmaa no ntena ase.” Nanso boniayεfoͻ no pͻ a wɔbͻ deε εyε kwa.
Farao kaa sε: “Monnyae me ma menkum Mose na ͻnfrε ne Wura no (ma no mεgye no), efirisε mesuro sε anhwε a na wabεsesa mosom no, anaasε ɔbɛyi nsεmmͻne adi wͻ asaase no so“.
Mose kaa sε: “Nokorε sε mehwehwε ntwitwagyeε wͻ me Wura Nyankopͻn ne wo Wura Nyankopͻn no hͻ afiri onipa biara a ͻyε ahomasoͻ na ͻnnye Akontabuo Da no nnie no ho.
Ɔbarima gyidieni bi a ɔfiri Farao nkorͻfoͻ no mu a ͻde ne gyidie no asuma kaa sε: “Mobɛkum onipa sε waka sε: “Me Wura ne Nyankopͻn nti, na ampa nso sε ͻde nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee firi mo Wura Nyankopͻn hͻ abrε mo?” Sε ͻyԑ nkontomponi a, ne nkontompo no da ͻno ara neso, nasε ͻyε nokwafoͻ nso a, deε ͻrebͻ mo ho kͻkͻ no ho (asotwee) bi bεka mo. Nokorε sε, Onyankopͻn deε Ɔnkyerε obi a ͻyε nsεmͻnedifoͻ, nkontomponi no kwan.
Menkorͻfoͻ, εnnε deε ahennie no wͻ mo, mona modi asaase no soͻ. Enti sε Onyankopͻn asotwee no ba yεn so a hwan na ͻbεboa yεn? Farao kaa sε: “Deε mehunu (sε εyε no) na merekyerε mo, na ͻkwan a εtene no na merekyerε mo.
Ampa sε, Yosef dii kan de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε mo, na moadwen ansi mo pi da wͻ deε ͻde brεε mo no ho kͻpem sε owuiε; mokaa sε: ‘’Onyankopͻn nsoma ͻsomafoͻ biara bio wͻ n’akyi’’. Saa ara na Nyankopͻn ma obia ͻyε nsεmmͻneni na n’adwen nsi no pi (wͻ Onyankopͻn asεm ho no) yera.
Wͻn a wͻgye Nyankopͻn nsεnkyerεnee no ho akyinnyeε wͻ berε a wͻnni nyinasoͻ bi a yεde ama wͻn no, εyε abufusεm kεse wͻ Nyankopͻn ne wͻn a wͻagye adie no hͻ. Saa ara na Nyankopͻn tua obia ͻyε ahomasoͻ tu neho no akoma ano.
Akwan a εkͻ soro, na menkͻhwε Mose Nyankopͻn no, medeε medwen sε ͻyε ͻtorofo“. Saa ara na yεmaa Farao dwumadi bͻne yεε n’ani so fε na yεsii no kwan (firii ͻkwan pa no ho). Farao adwen bͻne no amfa mfasoͻ biara amma sε ͻsεeε (na εbaa nesoͻ).
Obia ɔbɛdi dwuma bͻne bi no, nesεso so akatua pεpεεpε na yεde bɛtua no ka; na obi a ɔbɛdi dwuma pa no nso, sε ͻyε ͻbarima anaasε ͻbaa na ͻyε gyidieni a, saa nkorͻfoͻ no na wͻbεkͻ Soro aheman no mu no, yεbεbͻ wͻn akͻnhoma a ɛnni ano.
Morefrε me sε mempo me Wura Nyankopͻn na menfa adeε a menni ho nimdeε mmata Neho, abrε nso a merefrε mo akͻ Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Bͻnefakyε Hene no hͻ.
Akyinyeε biara nni ho sε, deε morefrε me akͻ nehͻ no nni ho kwan sε yesu frε no wͻ wiase ha anaasε Daakye. Yεn nkyi ne Onyankopͻn hͻ. Nokorε sε, nsεmͻnedifoͻ no wᴐne egya no mu nnipa no.
Yɛde wͻn ba egya no anim anͻpa ne anwummerε (biara), na Da a dͻnhwere no bɛsie no deε (yεbεka akyerε abͻfoͻ no sε): ” Monfa Farao nkorͻfoͻ no nkͻ asotwee a εyε den paa no mu.
Sε wͻregye wͻn ho akyinnye wͻ egya no mu a, wͻn a na wͻnni ahoͻden (wͻ wiase) no bεka akyerε wͻn a wͻyεε ahomasoͻ no sε: “Nokorε sε moakyi na yediiε. Enti montumi nyi egya no mu bi mfiri yεn so? “
Enti si aboterε, nokorε sε Nyankopͻn bͻhyε no yε nokorε, na srε wo mfomsoͻ ho bͻnefakyε, na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin na yi N’ayε wͻ anwummerε ne anͻpa.
Nokorε sε, wͻn a wͻgye Nyankopͻn nsεnkyerεnee no ho akyinnyeε aberε a yεnfaa nyinasoͻ biara mmaa wͻn no, hwee nni wͻn akoma mu sε akεsesεm, nanso wͻnnya (deε wͻrehwehwε no). Enti hwehwε Nyankopͻn hͻ ntwitwagyeε. Nokorε sε, Ɔne mpaebͻ Tiefoͻ no, na Ɔno ara nso na Ohunu biribiara.
Nyankopͻn na Wayε asaase so asetena ama mo, εna (Wayε) ͻsoro no nso (tesε εdan) nkurusoͻ, εna Ɔnwenee mo, na Ɔnwenee mo fεfεεfε (anaasε ͻnwenee mo yie), εna Ɔde nnepa bͻ mo akͻnhoma. Wei ne mo Wura Nyankopͻn no. Enti nhyira Wura ne Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no.
(Nkͻmhyεni) ka sε: ”Medeε yɛabra me sε mεsom adeε a mofiri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no wͻ abrε a nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee firi me Wura Nyankopͻn hͻ aba me hͻ; na yɛahyε me sε memmrε me ho ase mma Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn.
Ɔno na Ɔbͻͻ mo firi mfuturo mu ansa na (Ɔreyi mo) afiri ahobaeε nkwa boa mu, ansa na (Ɔreyi mo) afiri mogya a abͻ toa mu, εna afei Ɔmaa mo pue (firii mo maame nom yafunu mu a na moyε) nkwadaa, ansa na morenyin aduru mompanin berε mu, na afei moabͻ nkͻkora (ne mmerewa) na momu bi nso dikan wu (wͻ aberε a wͻmmͻͻ nkͻkora anaa mmerewa) sεdeε mobɛduru εberε a yɛahyε no, na mobεte aseε.
Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε. Nokorε sε Nyankopͻn bͻhyε no yε nokorε. Enti sε Yεde deε yεde ahyε wͻn bͻ no mu bi bεkyerε woͻ, anaasε Yεbεma wo awuo, Yεn hͻ na wͻbεsan aba.
Ampa sε Yεsomaa asomafoͻ dii w’anim kan; wͻn mu bi wͻhͻ a Yɛaka wͻn ho abakᴐsεm akyerε woͻ, na wͻn mu bi nso wͻhͻ a Yεnkaa wͻn ho abakᴐsεm nkyerεε wo. Na εmma sε ͻsomafoͻ bi de nsεnkyerεnee bi bεba, gyesε Nyankopͻn ma ho kwan. Enti sε Nyankopͻn ahyεdeε no ba a, nokorε no na yεde bɛbu atεn, na εhͻ no wͻn a wͻdii atorͻsεm akyi no abrε agu.
Anaasε wͻntuu kwan wͻ asaase no so nhwεε sεdeε wͻn a wͻdii wͻn anim kan no awieeε si wieeε? Na wͻdͻͻso kyεn wͻn, na wͻn ho nso yε den kyεn wͻn, (wͻyεε) nsεnkyerεne-deε (pii) wͻ asaase no so. Nanso deε wͻn nsa kaeε no ho amma mfasoͻ amma wͻn.
Ԑberε a wͻn Asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn no, wͻn ani gyee nimdeε a na wͻn wͻ no ho, na deε wͻdii ho fεw no twaa wͻn ho hyiae.
Nanso wͻn gyidie no ho amma mfasoͻ amma wͻn wͻ εberε a wͻhunuu Y’asotwee no. (Saa na) Nyankopͻn kwan a watwa ato hͻ ama nenkoa no (siteε), na εhͻ deԑ na boniayεfoͻ no abrε agu.