Aseda wͻ Nyankopͻn no a deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa yε Ne dea no; aseda no san wͻ no wͻ Daakye no nso. Ɔne Onyansafoͻ no, Ɔne biribiara ho Amanebͻ Wura no.
Boniayεfoͻ no ka sε: “Dͻnhwere no mma yεn so biara”. Kasε: ‘’Aane, Mede me Wura, Ahuntasεm mu Nimdefoͻ no di nse sε, εbεba mo so. Deε emu duro ketekete tesε aboboaa a (onipa) ani ntumi nhunu wͻ soro anaasε asaase so anaasε deε esua kyεn saa anaasε deε εso kyεn saa mpa ne ho, na mmom (nenyinaa) wͻ Nwoma pefee no mu.
Wͻn a yɛama wͻn nimdeε no hunu sε deε yɛasane afiri wo Wura Nyankopͻn hͻ abrε woͻ no ne Nokorε no, na εkyerε kwan kͻ Otumfoͻ Ayeyie Wura no kwan no so.
Enti wͻnhunuu deε εda wͻn anim ne deε εda wͻn akyi a εyε ͻsoro ne asaase? Sε Yεpε a Yεbεma wͻn amem wͻ asaase no mu, anaasε Yεbεma ͻsoro no fa bi (ate) abεhwe wͻn so. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ wei mu de ma akoa biara a ͻdane ne ho ma (Nyankopͻn)
(Yεka kyerεε no sε): “Yε dadeε akotaadeε a εsoo, na susu nkaa a egu akotaadeԑ no ano no pεpεεpε. Dawud nkorͻfoͻ, monni dwuma pa. Nokorε sε Menim dwuma a modie (nyinaa) “.
Solomon nso (Yεbrεε) mframa (ase) maa no. Mframa no twa bosome kwan wᴐ anᴐpa, ԑna etwa bosome kwan nso anwummerԑ. Yεmaa nsuo aniwa a εyε kͻͻbere a yɛaguo pue maa no. Jinnfoͻ no nso bi wͻ hͻ a wͻyεԑ adwuma wͻ nehͻ wͻ ne Wura Nyankopͻn akwamma mu. Wͻn mu biara a ͻtwee ne ho firii Yɛn ahyεdeε ho no Yεbεma no aka ogya asotwee no ahwε.
Wͻyεε adwuma maa no sεdeε ͻpε (sii) Nyamedan, (yԑԑ) ahonin ne nwinneε a n’akεseε tesε nhina ne nkukuo akεseε a esisi hᴐ. “Dawud nkorͻfoͻ monfa ayɛyie nyε adwuma”. Nanso Menkoa no mu kakraa bi na wͻyi (Me) ayε.
Ɛberε a Yεhyehyεε owuo maa (Solomon) no obiara (antumi) ankyerε (Jinnfoͻ no sε Solomon awu), na mmom asaase boaa (nkanka) na ͻwee nepoma. Enti εberε a (Solomon) tᴐͻ fᴐm no, εdaa adi maa Jinnfoͻ no sε, sε wͻnim nsumaeε mu asεm a, anka wͻantena animguaseε asotwee mu saa.
Nanso wͻtwee wͻn ho (firii Nyankopͻn ahyεdeε ho), enti Yεsomaa nsutͻ a ano yε den bi baa wͻn so. Yεsesaa wͻn mfuo mmienu no de mfuo mmienu a εso nnuaba bͻne a εyε nwono ‘Atli’ ne ‘Sidir’ nnua kakraabi hyεε anan mu.
Na wͻn ntam ne nkuro a Yɛahyira wͻn no (ntam nso) Yεmaa nkuro a εda adi pefee bεdaa hͻ, na Yεhyehyεε akwantuo gyinaberε wͻ mu (maa wͻn, εna Yεka kyerεε wͻn sε): “Montu kwan wͻ mu anadwo ne adekyeε wͻ abodwoɔ mu“.
Nanso wͻkaa sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, ma yɛn akwantuo gyinaberε no nware“, na wͻdii wͻn kraa amim na Yεde wͻn yεε asεm-nahͻͻ na Yεtetee wͻn ntam korakora. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema obi a ɔsi aboterε na ɔyi ayε.
(Ɔbonsam) nni tumi wͻ wͻn so deε, na mmom sεdeε Yεbɛhu nea ͻgye Daakye no die, ne obi a n’adwen nsi no pi wͻ ho. Wo Wura Nyankopͻn ne biribiara so Wεnfoͻ anaasε Hwεsofoͻ.
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Monsu mfrε wͻn a moadwen yε mo sε wͻka Nyankopͻn ho no; wͻnni tumi a emu duro ketekete tesε aboboaa a ani ntumi nhu mpo wͻ soro anaa asaase so, na wͻnni ne mmienu mu kyεfa bi, na (Nyankopͻn) nni ͻboafoͻ bi a ͻfiri wͻn mu.
Boniayεfoͻ no ka sε: “Yεnnye saa Qur’aan yi anaa deε edi n’anim kan no nni“. Sε anka worehu sεdeε yεde abͻneεfoͻ no agyina wͻn Wura Nyankopͻn anim, na wͻredane mfomsoͻ no to wͻn ho wͻn ho soͻ a; wͻn a na wͻyε mmerε (wͻ wiase) no bεka akyerε wͻn a wͻmaa wͻn ho soͻ no sε: “Sε εnyε mo a, anka yεyεε agyidiefoͻ”.
Wͻn a wͻyε mmerε no bεka akyerε ahomasoͻfoͻ no sε: “(Ɛnam) anadwo ne awia pͻ a mobͻeε so, εberε a mohyεε yεn sε yɛnyi yɛn Wura Nyankopͻn boniayε na yεmfa biribi ntoto Neho no“. Ԑberε a wͻbɛhunu asotwee no wͻbεda wͻn nuhoo adi, na Yεde nkͻnsͻnkͻnsͻn bɛgu boniayεfoͻ no kͻn mu. Enti dwuma a wͻdiiε so na yεbɛgyina atua wͻn ka.
Ԑnyε mo sika anaa mo mma na εde mo bεbεn Nyankopͻn wͻ gyinaberε mu, na mmom gyesε obi a ͻgye die na odi dwuma pa; saa nkorͻfoͻ no deε wͻn wͻ akatua a yεde bεbͻ ho (ama wͻn) wͻ dwuma a wͻdiiε no ho nti, na wͻbεtena abansoroͻ so wͻ abodwoɔ mu.
(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Me Wura Nyankopͻn bae n’akyεdeε no mu ma obia Ɔpε wͻ Nenkoa no mu, εna Ɔsusu nso ma no; na biribiara a mobɛyi no (Nyankopͻn nti) no Ɔbεhyε anan mu, na Ɔne ɔkyaadeεfoͻ no mu Nea ͻkyε akyεdeԑ pa paa.
Wͻbεka sε: ”Kronkron hene ne Wo (Awurade)! Wone yεn Kyitaafoͻ na εnyε wͻn ne (yεn kyitaafoͻ). Daabi, na wͻsom Jinnfoͻ no, na wͻn na wͻn mu dodoͻ no ara gyee wͻn diiε”.
Enti saa Da no, mo mu biara nni papa anaasε bͻne bi ho tumi wͻ moho-moho so. Yεbεka akyerε wͻn a wͻdii bͻne no sε: “Monka egya asotwee a mofaa no nkonto-mposεm no nhwε“.
Sε yεrekenkan Yεn Nsεm pefee no kyerε wͻn a, deε wͻka nesε:” (Muhammad) wei ᴐnyε hwee na mmom (ͻyε) onipa a ͻpε sε ɔsi mo deε na moagya nom som no ho kwan”. Wͻsan nso ka sε: ”(Qur’aan) wei nyε hwee na mmom nkontompo a yɛabͻ yɛn tirim (atwerε)“. Ɛberε (biara a) nokorε bεba boniayεfoͻ no hͻ no, deε wͻka kyerε (nokorε no) nesε: “Wei deε nkonyaa anaa naadaasεm pefee“.
Wͻn a wͻdii wͻn anim kan no faa no nkontomposεm; (Quraishfoͻ) wei nom nnyaa deε Yεde maa (tetefoͻ) no mu nkyεmu du mu baako mpo; nanso wͻbu Me Somafoͻ no nkontomponi. Sεdeε M’abufuhyeε siteε.
(Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Adeε fua pε na mede tu mo foͻ, εne sε mobεgyina hͻ mmienu mmienu ne mfuamfua ama Nyankopͻn na afei moadwen (Muhammad ho abakͻsεm a ͻne mo de te kuro yi mu ha ho). Mo yͻnko (Muhammad) no ͻmmͻͻ dam, na mmom ͻyε kͻkͻbͻni ma mo wͻ asotwee denden a εda (onipa ne Jinn) anim no ho.
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε mayera (mpo) a meyera me ara meho, na sε manya kwankyerε nso a εnam deε me Wura Nyankopͻn ayi ama me no so. Nokorε sε, Ɔne Mpaebͻ Tiefoͻ, na Ɔno na Ɔbεn (Na’koa biara).
Ntwaremu bɛtware wͻn ne deε wͻpε paa no ntam sεdeε yεde yεε wͻn sεso foͻ no a wͻdii kan no. Nokorε sε (εberε a na wͻn wͻ wiaseε no) na wͻn adwen nsipi koraa (wͻ Wusͻreε no ho).