Select surah 1- Al-Fatihah ( The Opening ) 2- Al-Baqarah ( The Cow ) 3- Al-Imran ( The Famiy of Imran ) 4- An-Nisa ( The Women ) 5- Al-Maidah ( The Table spread with Food ) 6- Al-An'am ( The Cattle ) 7- Al-A'raf (The Heights ) 8- Al-Anfal ( The Spoils of War ) 9- At-Taubah ( The Repentance ) 10- Yunus ( Jonah ) 11- Hud 12- Yusuf (Joseph ) 13- Ar-Ra'd ( The Thunder ) 14- Ibrahim ( Abraham ) 15- Al-Hijr ( The Rocky Tract ) 16- An-Nahl ( The Bees ) 17- Al-Isra ( The Night Journey ) 18- Al-Kahf ( The Cave ) 19- Maryam ( Mary ) 20- Taha 21- Al-Anbiya ( The Prophets ) 22- Al-Hajj ( The Pilgrimage ) 23- Al-Mu'minoon ( The Believers ) 24- An-Noor ( The Light ) 25- Al-Furqan (The Criterion ) 26- Ash-Shuara ( The Poets ) 27- An-Naml (The Ants ) 28- Al-Qasas ( The Stories ) 29- Al-Ankaboot ( The Spider ) 30- Ar-Room ( The Romans ) 31- Luqman 32- As-Sajdah ( The Prostration ) 33- Al-Ahzab ( The Combined Forces ) 34- Saba ( Sheba ) 35- Fatir ( The Orignator ) 36- Ya-seen 37- As-Saaffat ( Those Ranges in Ranks ) 38- Sad ( The Letter Sad ) 39- Az-Zumar ( The Groups ) 40- Ghafir ( The Forgiver God ) 41- Fussilat ( Explained in Detail ) 42- Ash-Shura (Consultation ) 43- Az-Zukhruf ( The Gold Adornment ) 44- Ad-Dukhan ( The Smoke ) 45- Al-Jathiya ( Crouching ) 46- Al-Ahqaf ( The Curved Sand-hills ) 47- Muhammad 48- Al-Fath ( The Victory ) 49- Al-Hujurat ( The Dwellings ) 50- Qaf ( The Letter Qaf ) 51- Adh-Dhariyat ( The Wind that Scatter ) 52- At-Tur ( The Mount ) 53- An-Najm ( The Star ) 54- Al-Qamar ( The Moon ) 55- Ar-Rahman ( The Most Graciouse ) 56- Al-Waqi'ah ( The Event ) 57- Al-Hadid ( The Iron ) 58- Al-Mujadilah ( She That Disputeth ) 59- Al-Hashr ( The Gathering ) 60- Al-Mumtahanah ( The Woman to be examined ) 61- As-Saff ( The Row ) 62- Al-Jumu'ah ( Friday ) 63- Al-Munafiqoon ( The Hypocrites ) 64- At-Taghabun ( Mutual Loss & Gain ) 65- At-Talaq ( The Divorce ) 66- At-Tahrim ( The Prohibition ) 67- Al-Mulk ( Dominion ) 68- Al-Qalam ( The Pen ) 69- Al-Haaqqah ( The Inevitable ) 70- Al-Ma'arij (The Ways of Ascent ) 71- Nooh 72- Al-Jinn ( The Jinn ) 73- Al-Muzzammil (The One wrapped in Garments) 74- Al-Muddaththir ( The One Enveloped ) 75- Al-Qiyamah ( The Resurrection ) 76- Al-Insan ( Man ) 77- Al-Mursalat ( Those sent forth ) 78- An-Naba' ( The Great News ) 79- An-Nazi'at ( Those who Pull Out ) 80- Abasa ( He frowned ) 81- At-Takwir ( The Overthrowing ) 82- Al-Infitar ( The Cleaving ) 83- Al-Mutaffifin (Those Who Deal in Fraud) 84- Al-Inshiqaq (The Splitting Asunder) 85- Al-Burooj ( The Big Stars ) 86- At-Tariq ( The Night-Comer ) 87- Al-A'la ( The Most High ) 88- Al-Ghashiya ( The Overwhelming ) 89- Al-Fajr ( The Dawn ) 90- Al-Balad ( The City ) 91- Ash-Shams ( The Sun ) 92- Al-Layl ( The Night ) 93- Ad-Dhuha ( The Forenoon ) 94- As-Sharh ( The Opening Forth) 95- At-Tin ( The Fig ) 96- Al-'alaq ( The Clot ) 97- Al-Qadr ( The Night of Decree ) 98- Al-Bayyinah ( The Clear Evidence ) 99- Az-Zalzalah ( The Earthquake ) 100- Al-'adiyat ( Those That Run ) 101- Al-Qari'ah ( The Striking Hour ) 102- At-Takathur ( The piling Up ) 103- Al-Asr ( The Time ) 104- Al-Humazah ( The Slanderer ) 105- Al-Fil ( The Elephant ) 106- Quraish 107- Al-Ma'un ( Small Kindnesses ) 108- Al-Kauther ( A River in Paradise) 109- Al-Kafiroon ( The Disbelievers ) 110- An-Nasr ( The Help ) 111- Al-Masad ( The Palm Fibre ) 112- Al-Ikhlas ( Sincerity ) 113- Al-Falaq ( The Daybreak ) 114- An-Nas ( Mankind )
Translations English English - Yusuf Ali English - Transliteration English - Rowwad Translation Center English - Ahmed Ali English - Ahmed Raza Khan English - Arberry English - Daryabadi English - Hilali & Khan English - Talal Itani English - Maududi English - Mubarakpuri English - Pickthall English - Qarai English - Qaribullah & Darwish English - Sarwar English - Shakir English - Wahiduddin Khan Français Español Spanish Cortes Spanish Garcia Português Deutsch German Bubenheim & Elyas German Khoury German Zaidan Italiano Nederlands Dutch Leemhuis Dutch Siregar Русский Russian Абу Адель Russian Аль-Мунтахаб Russian Крачковский Russian Кулиев Russian Османов Russian Порохова Russian Саблуков Română Greek Svenska Shqip Shqip Feti Mehdiu Shqip Sherif Ahmeti Bosanski Bosnian Mlivo Български České České Nykl Norwegian Türkçe Turkish Alİ Bulaç Turkish Çeviriyazı Turkish Diyanet İşleri Turkish Diyanet Vakfı Turkish Edip Yüksel Turkish Elmalılı Hamdi Yazır Turkish Öztürk Turkish Suat Yıldırım Turkish Süleyman Ateş Polski Croatian Georgian Српски українська Macedonian Lithuanian Azəri Azerbaijani Məmmədəliyev & Bünyadov اردو Urdu Maududi Urdu Ahmed Raza Khan Urdu Jalandhry Urdu Qadri Urdu Jawadi Urdu Junagarhi Urdu Najafi 日本語 한국어 中文 Chinese (Traditional) Hindi Hindi Muhammad Farooq Khan മലയാളം Malayalam Karakunnu & Elayavoor தமிழ் Melayu Indonesian Indonesian Quraish Shihab Indonesian Tafsir Jalalayn বাংলা জহুরুল হক فارسى كوردی Pashto Тоҷикӣ Татарча ไทย ئۇيغۇرچە Ўзбек Uzbek Mikhailo Yakuboych ދިވެހި Sindhi অসমীয়া Bisayan Iranun Maguindanaon Dari Hebrew қазақ тілі Khmer Marathi Hausa soomaali Swahili Afar N'ko Akan Chewa Dagbani Kinyarwanda Lingala Luganda Luhya Malagasy Mõõré Yaw Amazigh Amharic
Your browser does not support the audio element. Ampa sε, agyidiefoͻ no adi nkonim,
(Agyidiefoͻ) no a wͻnya suro anaa wͻberε wͻn ho ase wͻ wͻn Nyamefrε mu no,
Ne wͻn a wͻtwe wͻn ho fri ahuhusεm (tesε nkontompo, atεm didie, kasa fii, ahohwi bra anaa adeε biara a egu onipa ho fii) ho,
Ne wͻn a wͻhwε wͻn mmarima so yie, (anaasε wͻtwe wͻn ho fri adwamammͻ) ho.
Gyesε wͻn ayerenom (nko ara) hͻ, anaasε wͻn (mfenaa) a wͻyε wͻn dea no hͻ.. Nokorε sε woi nom na soboͻ biara nna wͻn soͻ.
Obi a ͻbɛfri (mmaa a yɛakyerε mu yi) akyi no, wͻn ne mmratofoͻ no.
Ne wͻn a wͻn nhwεsodeε a yεde ahyε wͻn nsa, ne wͻn bͻhyε nso wͻhwε so yie di mu nokorε,
Ne wͻn a wͻhwε wͻn Nyamefrε so yie.
Wͻn na wͻbɛdi adeε wͻ Aheman Firdaws no mu, na emu na wͻbεtena afe bͻͻ.
Ampa sε Yεbͻͻ onipa frii nεteε a yɛasͻne soͻ mu.
Afei Yε’yεε no nkwaboa de no hyεε bea bi a εhͻ dwoͻ mu,
Afei Yεyεε nkwaboa no mogyatoa, εna Yεbͻͻ mogyatoa no (yεε no) namkum, εna namkum no Yεbͻͻ nnompe (hyehyεε mu) εna Yεde nnam duraa nnompe no ho, ansa na Yεrebͻ no abͻdeε foforͻ. Enti nhyira Wura ne Nyankopͻn, ͻbͻͻ adeε mu Ɔbͻͻ adeε papa no.
Afei εno akyiri no nokorε sε mobɛwu.
Afei nokorε sε, Wusͻreε da no yεbenyane mo.
Ampa sε Yɛabͻ akwan nson wͻ moapampamu soro, na Yɛmmu Y’ani nguu abͻdeε no so.
Ɛna Yɛsiane nsuo fri soro sεdeε εsε, na Yɛama no akogyina asaase no mu, nokorε sε Yεwͻ (nsuo) no korͻ no so tumi-:
Na Yεde (nsuo no) ama akyiresua ne bobe turo afifiri ama mo. Mowͻ nnuaba pii nso wͻ mu a modi mu bie;
Ne nnua a efifri wͻ Sinai bepͻ no so a εma ngo, na εyε dε ma wͻn a wͻdie no.
Nokorε nso sε, adesua wͻ ayεmmoa no mu ma mo. Yεma mo nom deε εwͻ wͻn yafunu mu; monya mfasoͻ pii nso wͻ wͻn ho, na wͻn mu bi nso mowe wͻn (nnam)
Ɛna (ayεmmoa no bi nso motena wͻn) so, nsuo mu hyεn mu nso motena (mu).
Nokorε sε, Yεsomaa Noa maa no kͻͻ ne nkorͻfoͻ hͻ. Ɔka kyerεε wͻn sε: “Me nkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, na monni awurade biara ka ne ho. Enti monsuro Nyame anaa?
Ahemfo a εwͻ ne nkorͻfoͻ no mu a wͻpo nokorԑ no kaa sε: “Woi yε onipa tesε mo ara, ͻpεsε ͻma ne ho so wͻ mo so. Sε Nyankopͻn pε a anka ɔbɛsiane Soro abͻfoͻ. Yεntee saa (asεm yi ho mpanin sεm da) wͻ y'agyanom tetefoͻ no hͻ.
Ɔyε onipa a wabͻ dam, enti montwεn (anaa) monya ne ho aboterε nkͻpem εberε bi.
(Noa) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, boa me fa ͻtorofo a wͻbu me no ho”.
Enti Yɛyi kyerεε no sε: “Yε nsuom hyεn a Y’ani tua, sεdeε Yɛayi akyerε woͻ no. Sε Y’ahyεdeε no ba na sε nsuo pie fri asaase anaa fononoo no mu a, deε εyε onini ne bedeε biara no fa mmienu, ne w’abusuafoͻ kͻ nsuom hyεn no mu; gyesε wͻn mu wͻn a asεm no adikan atia wͻn no, na hwε yie na wankasa Me ho (sε worepa kyεw) ama abͻneεfoͻ no, nokorε sε nsuo bεfa wͻn.
Sε wo ne wͻn a wͻka wo ho no tena nsuom hyεn no mu a, ka sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn a Wagye yεn afri nnipa bͻnefoͻ no nsam.
Na ka sε: “Me Wura Nyankopͻn, fa me kɔduru dwoodwoo na Wona Wode (onipa) kɔduru dwoodwoo.
Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu. Nokorε nso sε Yεn na Yεsͻ (onipa) hwε.
Afei Yεbͻͻ awoͻ ntoatoasoͻ foforͻ wͻ wͻn akyi.
Enti Yεsomaa ͻsomafoͻ fri wͻn mu sε, (ͻnka nkyerε wͻn sε): “Monsom Nyankopͻn, na monni awurade biara ka ne ho, enti monsuro {Nyame} anaa?”
Ne nkorͻfoͻ no mu ahemfo no a wͻnnye nnie, na wͻbu Daakye nhyiamu no atorͻsεm, na Y’adom wͻn wiase asetena mu ahonyadeε no kaa sε: “Woi yε onipa tesε mo ara; deε modie no mu bi ara na odie, εna deε monom no mu bi ara nso na ͻnom
Sε modi onipa tesε mo ara akyi a, εneε nokorε sε na moaberε agu paa.
Ɔrehyε mo bͻ sε nokorε, εberε a moawu na moayε mfuturo ne nnompe no, yεbεma mo asan aba (nkwa mu bio)?
Deε yεrehyε mo ho bͻ no (ne nokorε) ntεm kwan ware, εkwan ware paa.
Ɛno ara ne yεn wiase asetena yi. Yerewu na Yεte ase (anaasε ebi rewu na ebi nso te ase, anaa yεrewu na yεrewo ebi nom nso). Na ԑmma sԑ yεbɛnyane yεn.
Ɔnyε hwee, na mmom ᴐyԑ onipa a ͻretwa nkontompo ato Nyankopͻn soͻ, na yεnnye no nni (da)”.
Ɔkaa sε. “Me Wura Nyankopͻn, boa me fa nkontompo a wͻbu me no ho.“
Nyankopͻn kaa sε: “Ɛnkyε koraa wͻbɛnu wͻn ho “.
Enti nteamu no sͻͻ wͻn mu nokorε mu, na Yεyεε wͻn sε nwira (a yɛatwa ama no awoͻ). Enti nnipa bͻnefoͻ no frii hͻ.
Afei Yεbͻͻ awoͻ ntoatoasoͻ foforͻ wͻ wͻn akyi.
Ɔman biara ntumi ntwe wͻn berε (a yɛahyε ama wͻn sε wͻbɛfri wiaseε no) mma animu, na wͻntumi nso ntwe nkͻ akyire.
Afei Yεsomaa Y’asomafoͻ no toatoaa so, na εberε biara a amanfoͻ bi somafoͻ bεba wͻn hͻ no wͻbu no ͻtorofoᴐ, enti Yεmaa wͻdidii wͻn-ho-wͻn-ho akyi, na Yεde wͻn yεε asεmnahͻͻ. Enti amanfoͻ a wͻnnye nnie no frii hͻ.
Afei Yεde Yεn nsεnkyerεnee ne nyinasoͻ anaasε tumi pefee somaa Mose ne ne nua Aaron-
Kͻͻ Farao ne ne n'ahemfo hͻ, nanso wͻyεε akεsesεm, na wͻyε nnipa bi a wͻyε ahomasoͻ papaapa.
Wͻkaa sε: “Enti yεnye nnipa mmienu a wͻ tesε yεn ara nni, aberε a wͻn nkorͻfoͻ som yεn anaasε wͻyε yεn nkoa?”
Wͻbuu wͻn mmmienu atorofoᴐ, enti wͻbεkaa wͻn a yεsεee wͻn no ho.
Ampa sε, Yεde Nwoma no (Tora) maa Mose sεdeε (Israel mma no) benya kwankyerε.
Yεde Mar’yam ba no nso ne ne maame yεε nsεnkyerεnee, na Yεde wͻn tenaa pampaso (anaa asaase) a εkorͻn a nsuo wͻ soͻ so.
Asomafoͻ, monidi mfri nnepa no mu, na moni dwuma pa. Nokorε sε, Menim dwuma a modie nyinaa.
Nokorε sε, mo man woi yε ͻman baako, na Me ne mo Wura Nyankopͻn, enti monsuro Me.
Nanso (nnipa) atwa wͻn Nyamesom dwumadie (koroyε no) mu ama wͻgu akuo-akuo; fekuo biara anigye deε ͻwͻ no ho.
Enti gyae wͻn wͻ wͻn agyimisεm a wɔnnim deε wͻreyε no mu, kͻpem εberε (a yɛahyε ama wͻn) no.
Wͻdwen sε sika (anaasε agyapadeε) ne mma a Yɛama abu wͻn soͻ no nti,
Yεreyε papa biara ntεm ntεm ma wͻn? Daabi, nim na wͻnnim.
Nokorε sε wͻn a wͻbͻ hu wͻ wͻn Wura Nyankopͻn ho suro (nti),
Ne wͻn a wͻgye wͻn Wura Nyankopͻn Nsεm no die,
Ne wͻn a wͻmfa biribi mmata wͻn Wura Nyankopͻn ho,
Ne wͻn a deε Yεde ama wͻn no wͻyi bi dema, na wͻbͻ hu wͻ wͻn akoma mu sε wͻn Wura Nyankopͻn hͻ na wͻbεsan akͻ,
Saa nkorͻfoͻ no na wͻkeka wͻn ho wͻ papa biara mu, na wͻne (papa yε) ho akansifoͻ no.
Yεmfa adesoa nsoa ͻkra bi, gyesε deε n’ahoͻden betumi; na Yεn hͻ na Nwoma a εka nokorε no wͻ, na yɛnsisi wͻn.
Daabi, wͻn akoma nni nimdeε biara fa (Qur’aan) woi ho, na ԑno akyi no, wͻn wͻ nnwuma (sononko) a wͻyε.
(Wͻbεkͻ so saa ara) akɔsi εberε a Yεde asotwee bεsͻ wͻn mu adefoͻ no mu, na wobɛhunu sε wͻresu tea mu pa kyεw.
Monhwε na moantea mu ampa kyεw nnε da yi. Nokorε sε Yεn deε Yεmmoa mo.
Ampa sε na yεkenkan Me nsεm no kyerε mo, ɛna modanee moakyi mae wͻ mo nantin so.
(Moyεε) ho ahomasoͻ (sε mo na moyε Maka kuro no adehyeɛ, na Ka’aba Kronkron hyε mo nsa), sirii pε anadwo too (Me nsεm no) ho.
Enti (saa nnipa yi) mmfa (Nyankopͻn) Asεm no nnkͻ adwendwen mu, anaasε biribi aba wͻn hͻ a ebi amma wͻ wͻn agyanom tetefoͻ no hͻ?
Anaasε (Makafoͻ no) nnim wͻn Somafoͻ (Muhammad dada) enti na wͻrepo no?
Anaasε wͻka sε, εdam bi na abͻ no? Daabi, nokorε na ͻde aberε wͻn no, nanso wͻn mu dodoͻ no ara kyiri nokorε no.
Sε Nokorε no redi wͻn apεdeε akyi a, nokorε sε, anka ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ mu (nyinaa) bεsεe. Aane, Yεde wͻn afutusεm no aberε wͻn, nanso wͻtwe wͻn ho fri wͻn afutusεm no ho.
Anaasε (Ɔkͻmhyεni), wobisa wͻn akatua bi? Wo Wura Nyankopͻn akatua no ne akatua pa, na Ɔno na N’akyɛdeɛ yɛ kyɛn wɔn a wɔkyε adeε no (nyinaa).
Nokorε ampa sε, worefrε wͻn akͻ kwan tenenee no so.
Nokorε nso sε, wͻn a wͻnnye Daakye no nnie no amane afri kwan (pa) no so.
Sε Yɛhu wͻn mmͻbͻ na Yɛyi ͻhaw a εwͻ wͻn soͻ no fri wͻn so mpo a wͻbεtͻ akͻ wͻn asoͻden no so wͻ anifira mu.
Nokorε sε, Yεde asotwee sͻͻ wͻn mu, nanso wɔammrε wͻn ho ase amma wͻn Wura Nyankopͻn, na wͻango wͻn ho ansu amfrε no.
Kͻpem εberε a Yɛbɛbue apono a εkͻ asotwee kεseε no mu ama wͻn, εhͻ na wobɛhunu sε wᴐn apa aba.
Ɔno na Wabͻ aso, ne ani ne akoma ama mo. Ayeyie ketekete na mode ma (Nyankopͻn).
Ɔno na Oduaa mo wᴐ asaase no soᴐ, na Ne hᴐ na mobɛhyia.
Ɔno na Ɔma nkwa εna Okum, adesaeε ne adekyeε abirabͻ nso wͻ no. Adεn, monni nteaseε anaa?
Aaane, wͻka deε tetefoͻ no kaeε no ara bi.
Wͻka sε: “Enti εyε nokorε ampa sε yɛbɛnyane yεn aberε a yɛawuo ayε mfuturo ne nnompe?
Ampa sε yεde woi hyεε yεn ne y’agyanom a wͻdii kan no bͻ. Nokorε sε woi yε tetefoͻ no anansesεm.
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Hwan na asaase ne wͻn a εwͻ soͻ no yε ne dea, sε monim ampa a?
Wͻbεka sε: ”Ɛwͻ Nyankopͻn“. Ka sε: “Ɛna momfa nyε afutuo?”
Ka sε: “Hwan ne ͻsoro nson no ne Ahennwa Kεseε no Wura?”
Wͻbεka sε: “Ɛwͻ Nyankopͻn “. Kasε: “Ɛna enti monsuro?”
Kasε: ”Hwan na biribiara ho tumi wͻ ne nsa mu na ͻbͻ (biribiara) ho ban, na (obiara) mmͻ Ne ho ban, sε monim ampa a?
Wͻbεka sε: “Ɛwͻ Nyankopͻn“. Ka sε: “Na afei adεn na moredaadaa mo ho?”
Aane, Yεde Nokorε no abrε wͻn, na ampa sε wͻyε atorofo (wͻ nsεm a wͻka fa Nyankopͻn ho no).
Nyankopͻn nwoo ba biara, na awurade biara nso nka Ne ho; (sε εte saa a) anka awurade biara bεfa deε ͻbͻeε akͻ, na anka (awurade no) binom bεma wͻn ho so wͻ ebinom so. Kronkron Hene ne Nyankopͻn, Ɔyε Kεse kyεn deε wͻde susu no no.
Ahuntasεm ne badwam Nimdefoͻ no, Ɔkorͻn kyεn deε wͻde bata (Ne ho nyinaa).
(Ɔkͻmhyεni), ka sε: ”Me Wura Nyankopͻn, sε Worema me ahunu (asotwee) a Wahyε wͻn ho bͻ no a,
Me Wura Nyankopͻn, εneε εmfa me nka nnipa bͻnefoͻ no ho.“
(Nkͻmhyεni), nokorε sε Yεbɛtumi nso akyerε wo (asotwee) a Yɛahyε wͻn ho bͻ no.
Fa adeε a εyε papa si bͻne ho kwan. Yɛnim nsεm a wͻkeka no nyinaa.
Ka sε: “Me Wura Nyankopͻn, mehwehwε Wo hͻ ntwitwagyeε afri ͻbonsam adwen bͻne a ͻwesa hyε nnipa mu no ho.
Me Wura Nyankopͻn, mesan nso hwehwε Wo hͻ ntwitwagyeε sε anhwε a na wͻn aba me ho.
(Abͻneεfoͻ yi de no saa ara) kͻpem sε, owuo bεba wͻn mu bi soͻ, (εhͻ na) ͻbεka sε: “Me Wura Nyankopͻn, ma mensan nkͻ (wiase bio),
Sεdeε (mεkͻ) akᴐyԑ adwuma pa a manyε no“. Daabi, εno deε εyε asεm bi kwa na ͻkaeε. Ɛban si wͻn akyi kͻpem εda a wͻbεsͻreε (afri owuo mu).
Enti sε yεbͻ Totorobεnto no mu a, saa Da no abusua bͻ biara nna wͻn ntεm, na obi mmisa obi (asεm).
Wͻn a wͻn nsania mu bεyε duro (wͻ papayԑ mu) no wͻn ne nkonimdifoͻ no.
Na wͻn a wͻn nsania mu bεyε hare (wͻ papayε mu) no, saa nkorͻfoͻ no na wͻn ayera wͻn kraa, Amanehunu gya no mu na wɔbεtena.
Egya no bεhye wͻn anim, ayi (wͻn) anofafa (afri hͻ) awene wͻn se wͻ (Ogya no) mu.
(Yɛbɛbisa wͻn sε): Enti yɛankenkan Me nsεm no ankyerε mo εna mobuu no atorͻsεm?
Wͻbεka sε: ”Yɛ Wura Nyankopͻn, y'ahokyere anaa ohia broo yεn so, εna yεbεyεε nnipa a wͻn ayera.
Yɛ Wura Nyankopͻn, (yεsrε Wo sε): Yi yεn fri (Amanehunu gya yi ) mu, na sε yεsan kͻ (yε bͻne) bio a, nokorε sε na yεyε abͻneεfoͻ ampa.
Nyankopͻn bεka sε: ”Momfri hͻ nkͻ (Ogya no) mu, na monkasa Me ho “
Nokorε sε na Me nkoa no mu bi ka sε: “Ye Wura Yɛagye adi, enti fa (yε bͻne) kyε yεn na hu yεn mmͻbͻ na ampa sε, Wone ahummͻborͻfoͻ no mu Mmͻborͻhunu Hene no.
Nanso modii wͻn ho fεw kͻpem sε mowerε frii Me ho nkaekaeε na moseree wͻn.
Wͻn aboterε a wͻnyaeε no ho nti, Matua wͻn so ka nnε, nokorε sε wͻne nkonimdifoͻ no”.
(Nyankopͻn) bεka sε: ”Mfi dodoͻ sεn na mode tenaa asaase no soͻ?”
Wͻbεka sε: ”Yεtenaa dakoro anaasε dakoro mu fa bi”. Ɛneε bisa wͻn a wͻbu (εberε no ho) akonta no.
(Nyankopͻn) bεka sε: “Ɛberε tiaa bi na mode tenaa (wiaseε) nokorε sε na anka monim a”.
Enti modwen sε Yεbͻͻ mo kwa a enti monsan mma Yεn hͻ (mmebu akonta?)
Okokuroko ne Nyankopͻn, Ɔhene Nokwafoͻ no, Nyankopͻn biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔno ne Animuonyam Ahennwa Wura no.
Obi a obɛsu afrε nyame foforͻ bi aka Nyankopͻn ho, abrԑ a onni nyinasoͻ bi saa no, n’akontabuo deԑ ԑwͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε boniayεfoͻ no deε wͻnni nkonim.
(Ɔkͻmhyεni), kasε: “Me Wura Nyankopͻn, fakyε (yεn) na hu (yεn) mmͻbͻ, na Wone Mmͻborͻhunufoͻ no mu Mmͻborͻhunu Hene papa no.