Surah Al-Baqarah ( The Cow ) - Aya 259

Surah Al-Baqarah ( The Cow ) - Akan - Aya 259 Aya count 286

أَوْ كَٱلَّذِى مَرَّ عَلَىٰ قَرْيَةٍۢ وَهِىَ خَاوِيَةٌ عَلَىٰ عُرُوشِهَا قَالَ أَنَّىٰ يُحْىِۦ هَٰذِهِ ٱللَّهُ بَعْدَ مَوْتِهَا ۖ فَأَمَاتَهُ ٱللَّهُ مِا۟ئَةَ عَامٍۢ ثُمَّ بَعَثَهُۥ ۖ قَالَ كَمْ لَبِثْتَ ۖ قَالَ لَبِثْتُ يَوْمًا أَوْ بَعْضَ يَوْمٍۢ ۖ قَالَ بَل لَّبِثْتَ مِا۟ئَةَ عَامٍۢ فَٱنظُرْ إِلَىٰ طَعَامِكَ وَشَرَابِكَ لَمْ يَتَسَنَّهْ ۖ وَٱنظُرْ إِلَىٰ حِمَارِكَ وَلِنَجْعَلَكَ ءَايَةًۭ لِّلنَّاسِ ۖ وَٱنظُرْ إِلَى ٱلْعِظَامِ كَيْفَ نُنشِزُهَا ثُمَّ نَكْسُوهَا لَحْمًۭا ۚ فَلَمَّا تَبَيَّنَ لَهُۥ قَالَ أَعْلَمُ أَنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَىْءٍۢ قَدِيرٌۭ ﴿٢٥٩﴾
Anaasε ne mfatoho tesε obi a ͻkͻtwaa mu wͻ kuro bi a na abͻ korakora no mu. Ɔkaa sε: “Ɔkwan bεn so na Nyankopͻn bεfa so asan de saa kuro-dua yi aba nkwa mu bio wͻ ne wuo yi akyi?” Enti Nyankopͻn maa no wuu mfie ͻha, εna Ɔsan nyanee no. Nyankopͻn kaa sε: “Mmerε tenten sεn na wo diiε?” Ɔkaa sε: “Dakoro, anaasε dakoro mu kyεfa bi”. Ɔka kyerεε no sε: Daabi, w’adi mfie ͻha; nanso hwε w’aduane ne wo nsuo sε mfie nyεε no hwee; na hwε wa’funumuu no. Sεdeε yεde wo bεyε nsεnkyerɛnee ama adasamma. Na hwε nnompe no sεdeε Y’esi keka sisi animu, san de nam kata ho”. Enti εberε a (nokorε yi) daa adi pefee maa no no, ͻkaa sε: “M’ahunu sε nokorε, Nyankopͻn wͻ tumi wͻ biribiara so”.
Share