Surah Al-Baqarah ( The Cow ) - Aya 143

Surah Al-Baqarah ( The Cow ) - Akan - Aya 143 Aya count 286

وَكَذَٰلِكَ جَعَلْنَٰكُمْ أُمَّةًۭ وَسَطًۭا لِّتَكُونُوا۟ شُهَدَآءَ عَلَى ٱلنَّاسِ وَيَكُونَ ٱلرَّسُولُ عَلَيْكُمْ شَهِيدًۭا ۗ وَمَا جَعَلْنَا ٱلْقِبْلَةَ ٱلَّتِى كُنتَ عَلَيْهَآ إِلَّا لِنَعْلَمَ مَن يَتَّبِعُ ٱلرَّسُولَ مِمَّن يَنقَلِبُ عَلَىٰ عَقِبَيْهِ ۚ وَإِن كَانَتْ لَكَبِيرَةً إِلَّا عَلَى ٱلَّذِينَ هَدَى ٱللَّهُ ۗ وَمَا كَانَ ٱللَّهُ لِيُضِيعَ إِيمَٰنَكُمْ ۚ إِنَّ ٱللَّهَ بِٱلنَّاسِ لَرَءُوفٌۭ رَّحِيمٌۭ ﴿١٤٣﴾
Saa ara na Y’ayε mo (Muslimifoͻ no) ɔman adantamu (anaa ͻman a mosom bo, anaa modi mmu yie), sεdeε mobedi adasamma ho adanseε, na Ɔsomafoͻ no nso bedi moho adanseε. Y’annyε Qibla no a na w’ani kyerε no (wͻ biribiara ho nti, na mmom) sεdeε Yε’de behunu obi a odi Ɔsomafoͻ no akyi ne obia ͻdane ne ho wͻ nenantin soͻ (anaa ͻtwe ne ho firi Islam som no mu). Ԑyε nsakraeε a εyε den (ma wͻn a wͻn gyidie sua), na mmom (εnyε den mma) wͻn a Nyankopͻn akyerε wͻn kwan no. Nyankopͻn mma mogyidie no nnyε kwa. Nokorε sε, Onyankopͻn yε Ayεmyε Hene, ne Mmͻborͻhunufoͻ ma adasamma.
Share