فَكُلِى وَٱشْرَبِى وَقَرِّى عَيْنًۭا ۖ فَإِمَّا تَرَيِنَّ مِنَ ٱلْبَشَرِ أَحَدًۭا فَقُولِىٓ إِنِّى نَذَرْتُ لِلرَّحْمَٰنِ صَوْمًۭا فَلَنْ أُكَلِّمَ ٱلْيَوْمَ إِنسِيًّۭا ﴿٢٦﴾
Di, na nom na ma w’ani nnye. Sε wohu onipa biara a, ka sε: “Mahyε Ahummͻborͻ Hene no akͻmkyene ho bͻ, enti menkasa onipa biara ho nnε“.